Yesaia 38
38
Hesekia yadeɛ ne n’aseda dwom
1 #
2 Ah 20.1-11; 2 Be 32.24 Nna no mu no, Hesekia yaree owuyareɛ, na Amos ba Odiyifoɔ Yesaia baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hyɛ wo fie nsamanseɛ, na worebɛwu, na worennya nkwa. 2Ɛnna Hesekia danee n’ani kyerɛɛ ɔfasuo, na ɔbɔɔ AWURADE mpaeɛ sɛ: 3#2 Ah 18.3-6 Ao, AWURADE, kae sɛdeɛ manante w’anim nokorɛ mu, ne akoma a ɛdi mu mu, na mayɛ deɛ ɛyɛ w’ani so. Na Hesekia suu esu kɛseɛ.
4Ɛnna AWURADE asɛm baa Yesaia nkyɛn sɛ: 5Kɔ na kɔka kyerɛ Hesekia sɛ: Sɛdeɛ AWURADE, w’agya Dawid Nyankopɔn, seɛ nie: Mate wo mpaebɔ, mahunu wo nisuo; hwɛ, mede mfeɛ dunum bɛto wo nna so, 6na mɛgye wo ne kuro yi afiri Asiriahene nsam, na mabɔ kuro yi ho ban.
7Na yei nyɛ wo AWURADE nsam nsɛnkyerɛnneɛ, sɛ AWURADE bɛyɛ adeɛ a waka no: 8Hwɛ, merebɛsane owia dɔn so sunsum a owia ma no sianee Ahas owia dɔn soɔ no mama no akɔ akyire nkyekyɛmu du.#38.8 Ɔrema ɛberɛ asane akɔ n’akyi dɔnhwere du. Na owia sanee n’akyi owia dɔn no so nkyekyɛm du a asiane dada no.
9Yudahene Hesekia nsɛm a ɔyareeɛ, na ɔnyaa ne yadeɛ mu nkwa no, ɔtwerɛɛ nie:
10Me deɛ, mekaa sɛ:
Me nna mu kommyɛ mu
na merekɔ Asamando aboboano,
wɔregye me nsam me mfeɛ nkaeɛ.
11 #
Dwom 27.13
Mese: Merenhunu AWURADE bio,
wɔ ateasefoɔ asase so;
merenhunu nnipa bio,
wɔn a wɔte wiase no mu.
12 #
Hiob 7.6
Wɔayi me tenabea ma no afiri me ho kɔ
sɛ odwanhwɛfoɔ ntomadan,
mebobɔ me nkwa sɛ ɔtomanwomfoɔ;
anka ɔrebɛtwa me afiri asadua no mu:
Worewie me da koro adesaeɛ.
13 #
Hiob 10.16
Mesui pɛɛ mmoa kɔsii anɔpa,
ɔbubuu me nnompe nyinaa sɛ gyata:
Worewie me da koro adesaeɛ.
14Mesii apini sɛ asomfenakatakyi, sɛ asukɔnkɔn,
medii abooboo sɛ aburuburo;
m’aniwa yɛɛ siamoo hwɛɛ ɔsoro sɛ:
O AWURADE, me ho kyere me, di ma me!
15Menka sɛn? Waka akyerɛ me
na ɔno ara ayɛ.
Me nna nyinaa afiri m’ani so,
me kra awerɛhoɔ no nti.
16O AWURADE, ɛno so na nnipa nam tena aseɛ,
na ɛno nkutoo mu na me honhom nkwa wɔ,
ɛnneɛ na ma me ho nsane, na ma mennya nkwa.
17 #
Dwom 32.1-2; Mika 7.18-19 Hwɛ, me yiedie nti,
mehunuu amaneɛ pii;
na woayi me kra
afiri ɔsɛeɛ amena mu de afam wo ho,
ɛfiri sɛ wotoo me bɔne nyinaa
guu w’akyi.
18 #
Dwom 6.4
Na Asamando rentumi nna wo ase,
na owuo rentumi nkamfo wo.
Wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no
ntwɛn wo nokorɛ;
19ɔteasefoɔ, ɔteasefoɔ, na ɔda wo aseɛ,
sɛdeɛ meyɛ nnɛ yi;
agya ma ne mma nhunu
wo nokorɛ.
20AWURADE bɛgye me nkwa,
na yɛbɛbɔ nsankuo
yɛn nkwa nna nyinaa,
wɔ AWURADE fie.
21Nso Yesaia kaa sɛ wɔmfa borɔdɔma ɛtoa ntare mpɔmpɔ no so, na ɔbɛnya ahoɔden. 22Na Hesekia nso bisaa sɛ: Ɛdeɛn ne nsɛnkyerɛnneɛ sɛ mɛkɔ AWURADE fie?
Currently Selected:
Yesaia 38: ASW
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012

:
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012