Yesaia 31
31
Onyankopɔn bɛbɔ Yerusalem ho ban
1 #
Yes 30.1-2
Wɔnnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa,
na wɔn ani da apɔnkɔ soɔ,
na wɔde wɔn ho to nteaseɛnam soɔ, sɛ ɛdɔɔso nti,
ne apɔnkɔsotefoɔ so, sɛ wɔn ho yɛ den pii nti,
na wɔn ani nna Israel Kronkronni no soɔ,
na AWURADE akyiri kwan nso, wɔnhwehwɛ.
2 #
Amos 3.6; Num 23.19 Nanso ɔyɛ onyansafoɔ, na ɔde mmusuo bɛba;
ne nsɛm nso, ɔrensane,
na ɔbɛsɔre atia abɔnefoɔ fie
ne amumuyɛfoɔ boafoɔ no.
3Na Misraimfoɔ yɛ nnipa, na ɛnyɛ Onyankopɔn,
na wɔn apɔnkɔ nso yɛ honam, na ɛnyɛ honhom.
Na AWURADE bɛtene ne nsa,
na ɔboafoɔ awatiri, na deɛ wɔaboa no no ahwe ase,
na wɔn baanu nyinaa abom asɛe.
4Na sɛ AWURADE aka akyerɛ me nie:
Sɛdeɛ gyata bobom na gyataburuwa su ne hanam soɔ,
na wɔfrɛ mmoahwɛfoɔ pii ara ba ne so a,
wɔn nne mma no mmɔ binim,
na wɔn hooyɛ nti ɔmmrɛ ne ho ase no,
saa ara na asafo AWURADE bɛduru
sɛ ɔrebɛdi ako wɔ Sion bepɔ ne ne kokoɔ soɔ.
5 #
Deut 32.11; Mat 23.37 Sɛdeɛ nnomaa a wɔtuo yɛ no, saa na asafo AWURADE
bɛbɔ Yerusalem ho ban,
ɔbɛbɔ ho ban agye no nkwa,
ɔbɛsiane ho, na wahu no mmɔbɔ.
6Monsane mmra deɛ moayɛ no dɔm kɛseɛ no nkyɛn, O Israelfoɔ. 7#Yes 2.20 Ɛda no, wɔn nyinaa bɛtoto wɔn dwetɛ ne sika abosonhuhuo a mo nsa ayɛ ama mode ayɛ bɔne no agu.
8 #
Yes 37.36
Na Asiria bɛtɔ afena a ɛnyɛ onipa deɛ ano,
na afena a ɛnyɛ onipa deɛ bɛsɛe no;
na ɔbɛbɔ ne ho adwaa, afena anim,
na wɔama ne mmeranteɛ ayɛ ɔhyɛ adwuma.
9 #
Deut 32.31
Na ne botan de ehu bɛsene akɔ,
na n’asafohene de ahopopoɔ afiri frankaa no ho.
AWURADE a ne gya wɔ Sion,
na ne fononoo wɔ Yerusalem no na ɔseɛ.
Currently Selected:
Yesaia 31: ASW
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012

:
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012