Yesaia 12
12
Nkwagyeɛ so aseda dwom
1Ɛda no na wobɛka sɛ:
Meda wo ase, Ao AWURADE,
sɛ wo bo fuu me mpo a,
w’abufuo no asane,
na woakyekyere me werɛ.
2 #
Dwom 56.4; Eks 15.2 Hwɛ, Nyankopɔn ne me nkwagyeɛ.
Mɛtwere no, na mensuro,
na AWURADE Nyankopɔn ne m’ahoɔden ne me dwom,
na wabɛyɛ me nkwagyeɛ.
3 #
Sak 13.1; Dwom 46.4 Na mode anigyeɛ bɛsa nsuo afiri nkwagyeɛ nsubura no mu. 4#1 Be 16.8; Dwom 105.1 Na da no mobɛka sɛ:
Monna AWURADE ase;
mommɔ ne din.
Momma wɔnhunu ne nneyɛɛ, aman mu.
Monka sɛ wɔama ne din so!
5Monto ayeyie dwom mma AWURADE, na wayɛ adeɛ akɛseɛ;
momma wɔnhunu yei asase nyinaa so.
6Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so, mo a motete Sion,
na Israel Kronkronni a ɔwɔ wo mu no yɛ kɛseɛ.
Currently Selected:
Yesaia 12: ASW
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012

:
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012