Hosea 3
3
Nyankopɔn ntoboaseɛ
1 #
Hos 1.2
Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ bio na kɔdɔ ɔbaa dwamammɔni a ɔyɛ ɔwaresɛefoɔ, sɛ AWURADE dɔ Israel mma na wɔn deɛ, wɔdane kɔ anyame foforɔ nkyɛn na wɔdɔ bobe aba taterɛ no. 2Na mede nnwetɛbena dunum ne atokoɔ homer baako ne atokoɔ letek baako a ɛyɛ homer fa metɔɔ no. 3Na meka kyerɛɛ no sɛ: Tena ha ma me nna pii, mmɔ adwaman na nyɛ ɔbarima bi deɛ, na me nso me ne wo atena saa. 4#2 Be 15.3 Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wɔnni hene na wɔnni bapɔmma, na wɔnni afɔdeɛ na wɔnni ɔbosom dum, na wɔnni asɔfotadeɛ ne abusua ahoni. 5#Yer 30.9, 21, 22; Hes 34.23-24 Akyire yi no Israel mma bɛsane abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n’adɔeɛ ho, nna a ɛdi akyire no mu.
Currently Selected:
Hosea 3: ASW
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012

: