YouVersion Logo
Search Icon

Hesekiel 1:4-9

Hesekiel 1:4-9 ASW

Na mehwɛe, na hwɛ, ahum bi tu firi atifi fam bae, mununkum kɛseɛ ne ogya a ɛtoatoam, na ɔharan atwa ho ahyia. Na biribi te sɛ sika ne dwetɛ mfrafraeɛ a adɔ ahoa ani firi ogya no mfimfini baeɛ. Na emu na abɔdeɛ ateasefoɔ baanan nsɛsoɔ bi firi pueeɛ, na sɛdeɛ wɔn su teɛ nie: Wɔwɔ onipa suban; wɔwowɔ anim nnan nnan, na wɔn mu biara wɔ ntaban nnan nnan. Wɔn nan yɛ torodotorodoo, na wɔn nan ase te sɛ nantwie ba tɔte a ɛho hyerɛn sɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔabere ho dɛhyɛdɛhyɛ. Na wɔwɔ nnipa nsa, wɔn ntaban ase, wɔn afa nnan no, na wɔn baanan no wowɔ anim ne ntaban sɛɛ: Wɔn ntaban no toatoa mu; wɔnnanedane wɔn ho wɔn nanteɛ mu; wɔn nyinaa kɔ anim tee.

Free Reading Plans and Devotionals related to Hesekiel 1:4-9