Hesekiel 1:10-11
Hesekiel 1:10-11 ASW
Na sɛ wɔn anim suban no teɛ nie: Wɔn baanan mu biara wɔ onipa anim wɔ anim; wɔn baanan no wɔ gyata anim wɔ nifa; wɔn baanan no wɔ nantwie anim wɔ benkum; na wɔn baanan no wɔ kɔdeɛ anim wɔ wɔn akyi. Sɛ wɔn anim teɛ nie. Wɔn ntaban mu apae firi soro ba fam; wɔn ntaban mmienu mmienu sisi anim, na mmienu mmienu katakata wɔn nipadua ho.





