YouVersion Logo
Search Icon

Amos 9:13-14

Amos 9:13-14 ASW

Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ deɛ ɔfɛntɛm bɛka deɛ ɔtwa, na deɛ ɔtiatia bobe aba soɔ bɛka deɛ ɔgu ayuo, na mmepɔ bɛsosɔ nsamono, na nkokoɔ nyinaa ahono. Na mɛdane me man Israel nnommumfa no, na wɔabɛkyekyere nkuro agoago no atena mu, na wɔatɛ bobe nturo na wɔanom mu nsa, na wɔayɛ nturo na wɔadi mu aba.