YouVersion Logo
Search Icon

Asomafoɔ 2:2-4

Asomafoɔ 2:2-4 ASW

Na mpofirim no, ahum bi a ɛte sɛ mframa a emu yɛ den a ɛrebɔ firi soro bae, na ɛbɛhyɛɛ efie a wɔte mu no ma. Na tɛkyerɛma a wɔapaepae mu a ɛte sɛ ogya yiyi kyerɛɛ wɔn, na ɛbɛsisii wɔn atifi mmaako mmaako. Na Honhom Kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama, na wɔfirii aseɛ kasaa kasa foforɔ, sɛdeɛ Honhom no maa wɔn sɛ wɔnka.