Mateo 17
17
Yesu animuonyam hran
(Marko 9.2-13; Luka 9.28-36)
1Na nnansia akyiri no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔ tentene bi so wɔ fa baabi. 2#2 Pe 1.16-18#2 Pe 1.16-18#2 Pe 1.16-18 Na ɔsakyeraa wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntadeɛ yɛɛ fitaa sɛ hann. 3Na hwɛ, Mose ne Elia yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn ne no kasaeɛ. 4Ɛnna Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Awurade, ɛyɛ sɛ yɛtena ha; sɛ wopɛ a, mɛbɔ asese mmiɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako, na Elia deɛ baako. 5#Mat 3.17 Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi firi mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Montie no! 6Na asuafoɔ no teeɛ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam, na wɔsuroo yie. 7Na Yesu ba bɛsosɔɔ wɔn mu sɛ: Monsɔre, na monnsuro! 8Na wɔmemaa wɔn ani soɔ no, wɔanhunu obiara gye Yesu nko ara. 9#Mat 16.20 Na wɔfiri bepɔ no so resiane no, Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: Monnka deɛ moahunu yi nnkyerɛ obiara kɔsi sɛ onipa ba no bɛsɔre afiri awufoɔ mu.
Elia ba
10 #
Mat 11.14; Mal 4.5 Na asuafoɔ no bisaa no sɛ: Adɛn nti na Atwerɛfoɔ no ka sɛ ɛsɛ sɛ Elia ba ansa? 11Na Yesu bua see wɔn sɛ: Elia ba na wabɛsiesie nnoɔma nyinaa deɛ, 12#Mat 14.9-10 nanso mese mo sɛ: Elia aba dada, na wɔanhu no, na wɔyɛɛ no deɛ wɔpɛ nyinaa. Saa ara nso na Onipa Ba no rebɛhunu amaneɛ wɔn nsam. 13#Luk 1.17 Ɛnna asuafoɔ no tee aseɛ sɛ Yohane suboni ho asɛm na ɔreka wɔn.
Ɔtwafoɔ bi ayaresa
(Marko 9.14-29; Luka 9.37-42)
14Na wɔduruu nkurɔfokuo no nkyɛn no, onipa bi baa ne nkyɛn bɛkotoo no 15sɛ: Awurade, hu me ba yi mmɔbɔ, na ɔtwa, na ɔrehunu amane pii; na ɔtaa tɔ ogya mu, na ɔtaa tɔ nsuo mu. 16Na mede no mebrɛɛ w’asuafoɔ no, nanso wɔantumi ansa no yadeɛ. 17#Deut 32.5 Na Yesu kaa sɛ: O nnɛ mma a monni gyidie na moakyea, me ne mo ntena hɔ nkɔduru da bɛn? Mento me bo ase mma mo nkɔsi da bɛn? Momfa no mmrɛ me ha! 18Na Yesu teateaa no, na honhommɔne no firi ne mu firii adi, na ɛfiri dɔn no ara mu na abɔfra no yadeɛ no gyaeeɛ.
Gyidie mu tumi
19 #
Mat 10.1
Ɛnna asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn ɛfa baabi, na wɔbisaa no sɛ: Adɛn nti na yɛantumi antu no? 20#Mat 21.21; Luk 17.6 Na ɔsee wɔn sɛ: Ɛfiri sɛ mo gyidie sua; na nokorɛ mese mo sɛ, mowɔ gyidie sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ bepɔ yi sɛ: Tu firi ha kɔ nohoa, na ɛbɛtu, na anka biribiara nni hɔ a morentumi nyɛ. 21(Nanso saa adeɛ yi deɛ, n’adeban, ɛntumi ntu gye sɛ ɛnam mpaebɔ ne mmuada so.)#17.21 Tete atwerɛ a wɔgye tomu no binom mfa nkyekyɛmu 21 nka ho.
Yesu wuo ne ne wunyane ho nkɔmhyɛ foforɔ
(Marko 9.30-32; Luka 9.43-45)
22 #
Mat 16.21
Na wɔrekyinkyini Galilea no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnipa nsa, 23na wɔakum no, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, ɔbɛnyane. Na ɛyɛɛ wɔn awerɛho pii.
Yesu tua asɔrefie ho toɔ
24 #
Eks 30.13
Na wɔduruu Kapernaum no, wɔn a wɔgyegye dwetɛbena fa toɔ#17.24 … dwetɛbena fa toɔ Hela kasa mu wɔfrɛ no Didrakma. Yei yɛ ɛtoɔ a na Yudani barima biara tua no afe biara ma wɔde hwɛ asɔrefie hɔ. no baa Petro nkyɛn sɛ: Mo kyerɛkyerɛfoɔ no ntua ɛtoɔ no anaa? 25Ɔse: Ɔtua. Na ɔbaa fie no, Yesu dii kan bisaa no sɛ: Simon, wodwene ho sɛn? Ɛhefoɔ hɔ na asase so ahemfo gyegye adwadeɛ anaa toɔ? Wɔn mma hɔ anaa ananafoɔ hɔ? 26Na ɔbuaa sɛ ananafoɔ hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnneɛ na mma no de wɔn ho. 27Nanso sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛrento wɔn suntidua nti, kɔ mpoano kɔto darewa, na apataa a ɔbɛba kane no, wobue n’anomu a, wobɛhunu dwetɛbena wɔ mu, ɛno na fa kɔma ma me ne woɔ.
Currently Selected:
Mateo 17: ASWDC
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

: