YouVersion Logo
Search Icon

2 Samuel 2

2
Dawid di Yuda so hene
1 # 1 Sa 30.8 Na yei akyiri no Dawid bisaa AWURADE sɛ: Memforo nkɔ Yuda nkuro bi mu anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ! Na Dawid kaa sɛ: Ɛhe na memforo nkɔ? Na ɔse: Hebron. 2#1 Sa 25.42-43 Ɛnna Dawid kɔɔ hɔ, ɔne ne yerenom baanu no nso, Yesreelni Ahinoam ne Abigail, Karmelni Nabal kunafoɔ no. 3Na Dawid de mmarima a wɔne no nam no nso ne wɔn fiefoɔ bae, na wɔbɛtenaa Hebron nkuro mu. 4#2 Sa 5.3; 1 Sa 16.13; 31.12 Ɛnna Yuda mmarima ba bɛsraa Dawid ngo sii no Yuda fie so hene wɔ hɔ.
Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Yabes-gileadfoɔ na wɔsiee Saulo. 5Dawid somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Yabes-gileadfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE nhyira nka mo sɛ moayɛ mo wura Saulo adɔeɛ sɛɛ, na moasie no. 6Na afei AWURADE ne mo nni no adɔeɛ ne nokorɛ so, na sɛ moayɛ saa adeɛ yi nti, me nso mɛyɛ mo saa yie yi bi. 7Na afei monhyɛ mo abasam den, na monyɛ mo ho mmarima, na mo wura Saulo awu, nanso Yuda fie asra me ngo asi wɔn so hene.
Isboset di Israel so hene
8 # 1 Sa 14.50 Na Saulo safohene Abner, Ner ba faa Saulo ba Isboset de no twa kɔɔ Mahanaim, 9na ɔde no yɛɛ Gilead ne Asurfoɔ ne Yesreel ne Efraim ne Benyamin ne Israel nyinaa so hene. 10Saulo ba Isboset bɛdii Israel so hene no, na wadi mfirinhyia aduanan, na ɔdii hene mfeɛ mmienu. Nanso, Yuda fie deɛ wɔdii Dawid akyi. 11Na nna a Dawid dii Yuda fie so hene Hebron no ano si mfirinhyia nson ne abosome nsia.
12Na Ner ba Abner ne Saulo ba Isboset nkoa tu firii Mahanaim baa Gibeon. 13Na Seruia ba Yoab ne Dawid nkoa tu kɔe, na wɔhyia boaboaa wɔn ano wɔ Gibeon tadeɛ ho, yeinom boa ɔtadeɛ no fa ha, na yeinom boa ɔtadeɛ no fa ha. 14Na Abner ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Ma mmeranteɛ no nsɔre nko wɔ yɛn anim ɛ! Na Yoab kaa sɛ: Wɔnsɔre ɛ! 15Ɛnna wɔbuu wɔn ano sɔre kɔeɛ: Benyamin ne Saulo ba Isboset deɛ dummienu ne Dawid nkoa mu dummienu. 16Na wɔn nyinaa sosɔɔ wɔn mfɛfoɔ ti de wɔn nkrantɛ wowɔɔ wɔn mfɛfoɔ mfem, na wɔtotɔɔ prɛko. Enti wɔfrɛ hɔ sɛ Helkat-hasurim#2.16 HELKAT-HASURIM: Asekyerɛ ne: Ano nnamnnam afuo. a ɛwɔ Gibeon.
17Na ɔko no mu yɛɛ den sɛ biribi da no, na Abner ne Israel mmarima no dii nkoguo Dawid nkoa no anim.
Abner kum Asahel
18 # 1 Be 2.16 Na Seruia mma baasa, Yoab, Abisai ne Asahel wɔ hɔ. Na Asahel nan ase yɛ hare sɛ wiram ɔtwe. 19Na Asahel pamm Abner, na wammane ankɔ nifa anaa benkum amfiri Abner akyi. 20Ɛnna Abner hwɛɛ n’akyire, na ɔkaa sɛ: Wo Asahel nie? Na ɔse: Mene no. 21Na Abner ka kyerɛɛ no sɛ: Mane fa wo nifa anaa wo benkum kɔkyere mmeranteɛ no mu bi na gye n’asadeɛ fa! Na Asahel ampɛ sɛ ɔbɛsane afiri n’akyire. 22Na Abner kɔɔ so ka kyerɛɛ Asahel bio sɛ: Sane firi m’akyiri kɔ! Adɛn nti na memmɔ wo nhwe fam? Na mɛtumi mama m’ani so makyerɛ wo nua Yoab sɛn? 23#2 Sa 3.27 Nanso wampɛ sɛ ɔsane. Ɛnna Abner de ne pea to wɔɔ ne yafunu mu, na pea no hwiree n’akyi, na ɔhwee hɔ wuu hɔ ara. Na obiara a ɔduruu deɛ Asahel wuiɛ hɔ no, ɔgyinae komm.
24Na Yoab ne Abisai tii Abner. Na owia rekɔtɔ no, na wɔduruu Ama kokoɔ a ɛda Gia anim Gibeon serɛ so kwan ho no so. 25Na Benyaminfoɔ boaboaa wɔn ano gyinaa Abner akyi yɛɛ ekuo baako, na wɔkɔgyinaa kokoɔ bi atifi. 26Na Abner bisaa Yoab sɛ: Nkrantɛ nsɛe adeɛ nkɔsi da bɛn? Wonnim sɛ akyire bɛyɛ ɔtan? Na ɛnkɔsi da bɛn ansa na woaka akyerɛ w’asraafoɔ no sɛ wɔnsane mfiri wɔn nuanom akyi? 27Na Yoab se: Sɛ Onyankopɔn te aseɛ yi, sɛ woankasa a, anka ɛfiri anɔpa na mmarima no asan afiri wɔn nuanom akyi die. 28Ɛnna Yoab hyɛnee totorobɛnto no na mmarima no nyinaa gyinae, na wɔantaa Israel bio, nso wɔankɔ so anko bio.
29Na Abner ne ne mmarima no faa mpaperɛ so nam anadwo no nyinaa twaa Yordan nam Bitron nyinaa kɔɔ Mahanaim. 30Na Yoab sane firii Abner akyi, na ɔboaboaa ɔman no nyinaa ano no, na aka Dawid nkoa no mu dunkron ne Asahel. 31Na Dawid nkoa no akunkum Benyamin ne Abner mmarima no mu nnipa ahasa aduosia. 32Na wɔsoaa Asahel kɔsiee no n’agya da a ɛwɔ Betlehem no mu. Na Yoab ne ne mmarima no nam anadwo no nyinaa, na adeɛ kyee wɔn Hebron.

Currently Selected:

2 Samuel 2: ASWDC

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in