2 Samuel 18:9-10
2 Samuel 18:9-10 ASWDC
Na Absalom hyiaa Dawid mmarima no; nso na Absalom te afunumupɔnkɔ so, na afunumupɔnkɔ no de no faa odum kɛseɛ bi mman kusuu ase, na ne tirinwi kɔsɔɔ odum no dubaa so maa no sensɛnee ɔsoro ne fam ntam, na afunumupɔnkɔ a ɔwɔ n’aseɛ no gyaa ne hɔ kɔe. Na ɔbarima bi kɔhunui, na ɔkɔka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ makɔhunu Absalom sɛ ɔsɛne odum bi soɔ.





