2 Berɛsosɛm 1:11-12
2 Berɛsosɛm 1:11-12 ASWDC
Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Salomo sɛ: Ɛsiane sɛ yei wɔ w’akoma mu, na woammisa ahonya, akoradeɛ ne animuonyam ne w’atamfo nkwa, na nna dodoɔ nso woammisa, na mmom woabisa nyansa ne nimdeɛ, sɛ wode bɛbu me man a mayɛ wo wɔn so hene no atɛn yi, nyansa ne nimdeɛ no, wɔde ama wo na ahonya ne akoradeɛ ne animuonyam nso, mɛma wo, a ahemfo a wɔdii w’anim no nnyaa saa da, na wo akyiri nso wɔrennya saa.





