YouVersion Logo
Search Icon

1 Samuel 4

4
Israelfoɔ di nkoguo
1Na Samuel asɛm duruu Israel nyinaa nkyɛn. Na Israel tu kɔɔ sɛ wɔrekɔhyia Filistifoɔ ne wɔn akɔko; na wɔkɔkyeree nsraban Eben-eser, na Filistifoɔ nso bɛkyeree nsraban Afek. 2Na Filistifoɔ no twaa mpasua hyiaa Israel, na ɔko no mu trɛe, na Israel dii nkoguo Filistifoɔ no anim, na wɔkumm mpasua no so nnipa bɛyɛ mpemnan. 3#1 Sa 14.18 Na ɔman no baa nsraban no mu no, Israel mpanin kaa sɛ: Adɛn nti na AWURADE ama yɛadi nkoguo nnɛ Filistifoɔ anim yi? Momma yɛnkɔfa AWURADE apam adaka no mfiri Silo mmra yɛn nkyɛn, na ɛmmra yɛn mu mmɛgye yɛn mfiri yɛn atamfoɔ nsam. 4#2 Sa 6.2 Ɛnna ɔman no soma maa wɔkɔɔ Silo kɔsoaa asafo AWURADE a ɔte Kerubim ntam no apam adaka no baeɛ, na Eli mma baanu no, Hofni ne Pinehas, na wɔwɔ Nyankopɔn apam adaka no ho.
5Na AWURADE apam adaka no duruu nsram hɔ no, Israel nyinaa bɔɔ ose kɛseɛ maa asase wosoe. 6Na Filistifoɔ tee osebɔ no, wɔkaa sɛ: Hebrifoɔ nsram osebɔ kɛseɛ yi aseɛ ne sɛn? Na wɔtee sɛ AWURADE adaka no aba nsraban no mu. 7Ɛnna Filistifoɔ no suroeɛ, ɛnna wɔse: Onyankopɔn aba nsraban no mu. Na wɔkaa sɛ: Buei, yɛnnue! Na ɛmmaa saa pɛn. 8Buei, yɛnnue! Hwan na ɔbɛyi yɛn afiri anyame atumfoɔ yi nsam? Yeinom ne anyame a wɔde haw nyinaa haa Misraim ɛserɛ so no. 9#Ate 13.1 Mo Filistifoɔ, monyɛ den, na monyɛ mmarima, na moansom Hebrifoɔ sɛdeɛ wɔsom mo no; enti monyɛ mmarima na monko.
10Na Filistifoɔ no koeɛ, na Israel dii nkoguo, na wɔn nyinaa dwanedwane kɔɔ wɔn ntomadan mu. Na ɛyɛɛ okunkɛseɛ sɛ, na Israel mu nnipa a wɔnam anammɔn mu mpem aduasa totɔeɛ. 11Na Nyankopɔn adaka no, wɔfaeɛ, na Eli mma baanu no, Hofni ne Pinehas nso totɔeɛ.
12Na Benyaminni bi firi mpasua no mu tutuu mmirika baa Silo da no ara, na n’atadeɛ asunsuane, na dɔteɛ gu n’atifi. 13Na ɔduruiɛ no, na hwɛ, Eli te n’adwa so kwankyɛn rehwɛ kwan; na Nyankopɔn adaka no nti na ne bo ntɔ ne yam. Na ɔbarima no ba bɛkae, na kuro mu no nyinaa sui. 14Na Eli tee esu no, ɔkaa sɛ: Hooyɛ gyegyeegye yi aseɛ ne sɛn? Na ɔbarima no yɛɛ ntɛm bɛka kyerɛɛ Eli. 15#1 Sa 3.2 Nso na Eli adi mfeɛ aduɔkron nwɔtwe, na n’ani so ayɛ wisiwisi, na ɔnhunu adeɛ yie. 16Na ɔbarima no ka kyerɛɛ Eli sɛ: Mene deɛ ɔfiri mpasua mu baeɛ no. Ɛnnɛ na mefiri mpasua no mu medwaneeɛ. Na ɔse: Asɛm no te sɛn, me ba? 17Na ɔbɔfoɔ no buaa sɛ: Israel adwane Filistifoɔ anim, na wɔakum ɔman no mu nnipa pii nso, na wo mma baanu no, Hofni ne Pinehas, nso atotɔ, na Nyankopɔn adaka no, wɔafa. 18Na ɛbaa sɛ, ɔbɔɔ Nyankopɔn adaka no din no, Eli firi n’adwa so muni faa n’akyi hwee ɛpono kɛseɛ no ho, na ne kɔn mu bui, na ɔwui, ɛfiri sɛ na ɔyɛ akɔkoraa a ne mu yɛ duru. Na wabu Israel atɛn mfeɛ aduanan.
19Na n’ase, Pinehas yere, anyinsɛn a n’awoɔ reyɛ adu. Na ɔtee nsɛm no sɛ wɔafa Nyankopɔn adaka, na n’ase ne ne kunu awuwuo no, ɔkoto woe, na n’awoko yea kutaa no. 20#Gye 35.17 Na ɔrewu no, mmaa a wɔgyinagyina ne nkyɛn no ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na ɔbarima na woawoɔ yi. Nanso wammua, na wammu. 21#Dwom 78.61 Na ɔtoo abɔfra no din Ikabod,#4.21 IKABOD: Asekyerɛ ne: Animuonyam no wɔ he? na ɔkaa sɛ: Fa a wɔafa Nyankopɔn adaka no ne n’ase ne ne kunu nti, animuonyam afiri Israel kɔ. 22Enti na ɔse: Animuonyam apa afiri Israel, ɛfiri sɛ wɔafa Nyankopɔn adaka no.

Currently Selected:

1 Samuel 4: ASWDC

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in