1 Samuel 28:7-8
1 Samuel 28:7-8 ASWDC
Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Monkɔhwehwɛ ɔbaa samanfrɛni bi mma me, na menkɔ ne hɔ abisa. Na ne nkoa no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, ɔbaa samanfrɛni bi wɔ Endor. Na Saulo sakyeraa ne ho hyɛɛ atadeɛ foforɔ, na ɔsii mu kɔeɛ a na nnipa baanu ka ne ho, na wɔduruu ɔbaa no nkyɛn anadwo; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa ɔsamanfrɛ so hyɛ me nkɔm, na ma deɛ mɛbɔ ne din makyerɛ woɔ no mforo mmra mma me.





