1
Romafo 8:28
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na yenim sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no, ade nyinaa di boa wɔn ma ewie wɔn yiye, wɔn a wɔnam n’atirimbɔ no so afrɛ wɔn no.
Compare
Explore Romafo 8:28
2
Romafo 8:38-39
Na migye midi ampa sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa atumfo anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa ahoɔden anaa ɔsoro anaa ebun anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛne Nyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu.
Explore Romafo 8:38-39
3
Romafo 8:26
Saa ara nso na Honhom no boa yɛn yɛn mmerɛwyɛ mu, efisɛ sɛnea yɛbɛbɔ mpae a ɛsɛ no, yennim, nanso Honhom no ara de ɔpene a enni kabea di ma yɛn.
Explore Romafo 8:26
4
Romafo 8:31
Na afei yebese eyinom ho dɛn? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na ɔne yɛn bedi asi?
Explore Romafo 8:31
5
Romafo 8:1
Ɛnne afei afobu biara nni hɔ mma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu.
Explore Romafo 8:1
6
Romafo 8:6
Na ɔhonam adwene yɛ owu, na honhom adwene no de, ɛyɛ nkwa ne asomdwoe.
Explore Romafo 8:6
7
Romafo 8:37
Nanso eyinom nyinaa mu na yɛnam nea ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro so.
Explore Romafo 8:37
8
Romafo 8:18
Na mibu sɛ sesɛɛ bere yi mu amane yi nnu anuonyam a wɔrebeyi adi de ama yɛn no.
Explore Romafo 8:18
9
Romafo 8:35
Hena na ɔbɛtetew yɛne Kristo dɔ mu? Ahohia anaa ahometew anaa ɔtaa anaa ɔkɔm anaa adagyaw anaa amanenya anaa nkrante?
Explore Romafo 8:35
10
Romafo 8:27
Na nea ɔpɛɛpɛɛ koma mu no nim dekode a ɛyɛ Honhom no adwene, efisɛ odi ma ahotefo no sɛnea Onyankopɔn pɛ.
Explore Romafo 8:27
11
Romafo 8:14
Na dodow a Onyankopɔn honhom di wɔn kan no, wɔn na wɔyɛ Onyankopɔn mma.
Explore Romafo 8:14
12
Romafo 8:5
Na wɔn a wɔnam ɔhonam fam no dwen ɔhonam de, na wɔn a wɔnam honhom de mu no dwen honhom de.
Explore Romafo 8:5
13
Romafo 8:32
Nea wankame yɛn n’ankasa ne ba, na mmom yɛn nyinaa nti oyii no mae no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔremfa ade nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn?
Explore Romafo 8:32
14
Romafo 8:16-17
Honhom no ara ne yɛn honhom di adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma. Na yɛyɛ mma a, yɛyɛ adedifo nso, Onyankopɔn adedifo ne Kristo yɔnko adedifo, nanso gye sɛ yɛne no hu amane ansa na wɔahyɛ yɛn ne no anuonyam bi.
Explore Romafo 8:16-17
15
Romafo 8:7
Efisɛ ɔhonam adwene yɛ nitan a ɛtan Onyankopɔn, na ɛmfa ne ho nhyɛ Onyankopɔn mmara no ase, na mpo entumi
Explore Romafo 8:7
16
Romafo 8:19
Na abɔde no ani gyina retwɛn Onyankopɔn mma ahoyi.
Explore Romafo 8:19
17
Romafo 8:22
Na yenim sɛ abɔde nyinaa penepene, na ɛko awo bedu nnɛ yi.
Explore Romafo 8:22
Home
Bible
Plans
Videos