1
Romafo 6:23
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na bɔne so akatua ne owu; na Onyankopɔn adom akyɛde ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.
Compare
Explore Romafo 6:23
2
Romafo 6:14
Na bɔne renni mo so, efisɛ munni mmara ase, na mmom mowɔ adom ase.
Explore Romafo 6:14
3
Romafo 6:4
Enti wɔnam owu mu asubɔ so asie yɛne no sɛ, sɛnea wɔnam Agya no anuonyam so nyan Kristo fii awufo mu no, saa ara na yɛn nso nnantew nkwa foforo mu.
Explore Romafo 6:4
4
Romafo 6:13
nso mommfa mo honam akwaa mmma bɔne sɛ amumɔyɛ akode, na mmom momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ wɔn a wofi awufo mu te ase, na momfa mo honam akwaa mma Onyankopɔn sɛ trenee akode.
Explore Romafo 6:13
5
Romafo 6:6
Na yenim eyi sɛ wɔabɔ yɛn nipa dedaw ne no asɛnnua mu, sɛ bɔne no nipadua nwu, na yɛansom bɔne bio
Explore Romafo 6:6
6
Romafo 6:11
Saa ara na mo nso mummu mo ho sɛ moawu ama bɔne, na mote ase ma Onyankopɔn wɔ Kristo Yesu mu.
Explore Romafo 6:11
7
Romafo 6:1-2
Enti afei yebeka dɛn? Yɛntena bɔne mu na ɔdom no nnɔɔso anaa? Dabida, yɛn a yewu maa bɔne no, ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛkɔ so atena ase wɔ mu?
Explore Romafo 6:1-2
8
Romafo 6:16
Munnim sɛ, nea mode mo ho ma no sɛ nkoa a wotie no no, sɛ bɔne a ɛde kɔ owu mu de oo, asoɔmmerɛw a ɛde kɔ trenee mu de oo, ɔno ara a mutie no no na ne nkoa ne mo anaa?
Explore Romafo 6:16
9
Romafo 6:17-18
Na aseda nka Onyankopɔn, sɛ moayɛ bɔne nkoa pɛn, na afei mufi koma mu abrɛ mo aso ase ama nkyerɛkyerɛ sonowonko na wɔde mo ahyɛ mu no. Na moade mo ho afi bɔne ho yi, moabɛyɛ trenee nkoa.
Explore Romafo 6:17-18
Home
Bible
Plans
Videos