1
Romafo 2:3-4
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na, wo nipa a wubu wɔn a wɔyɛ saa nneɛma no atɛn na woyɛ saa ara no, wususuw sɛ wubeguan Nyankopɔn atemmu? Anaasɛ wotew n’ayamye ne ne boasetɔ ne n’abodwokyɛre mapa no ho tua a, wunnim sɛ Onyankopɔn ayamye de wo rekɔ adwensakra mu?
Compare
Explore Romafo 2:3-4
2
Romafo 2:1
Enti, wo nipa biara a wubu atɛn no, anoyi bi nni hɔ mma wo; efisɛ nea wubu obi atɛn wɔ mu no, wubu wo ankasa wo ho fɔ, efisɛ wo a wubu atɛn no, woyɛ saa ade no ara.
Explore Romafo 2:1
3
Romafo 2:11
Na nnipa mu nyiyi mu ne animhwɛ nni Nyankopɔn fam.
Explore Romafo 2:11
4
Romafo 2:13
Na ɛnyɛ mmaratiefo na wɔyɛ atreneefo wɔ Onyankopɔn anim, na mmom mmara sodifo na wobebu wɔn bem.
Explore Romafo 2:13
5
Romafo 2:6
Ɔno na obesusuw nnipa nyinaa nnwuma so ade ama wɔn mmiako mmiako.
Explore Romafo 2:6
6
Romafo 2:8
na wɔn a wofi atutupɛ mu na wontie nokware, na wotie nea ɛnteɛ no benya abufuw ne awerɛhow
Explore Romafo 2:8
7
Romafo 2:5
Na wo komaden ne komapirim nti, woreboaboa abufuw ano de atwɛn abufuw ne Nyankopɔn atɛntrenee no adiyi da no.
Explore Romafo 2:5
Home
Bible
Plans
Videos