1
Mateo 28:19-20
KYERƐW KRONKRON
RATB
Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo, na mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.
Compare
Explore Mateo 28:19-20
2
Mateo 28:18
Na Yesu bae bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.
Explore Mateo 28:18
3
Mateo 28:5-6
Na ɔbɔfo no bua see mmea no sɛ: Mo de, munnsuro! Na minim sɛ mohwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Onni ha; na wanyan sɛnea ɔkae no. Mommra mmɛhwɛ faako a na ɔda!
Explore Mateo 28:5-6
4
Mateo 28:10
Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Munnsuro; monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom sɛ wɔnkɔ Galilea, na ɛhɔ na wobehu me.
Explore Mateo 28:10
5
Mateo 28:12-15
Na wɔne mpanyimfo no hyiae na wotuu agyina no, wɔmaa asraafo no sika bebree kae sɛ: Monka sɛ: Anadwo a yɛdae no na n’asuafo bae bewiaa no. Na sɛ eyi du amrado asom a, yɛbɛkyerɛ no mu na mo ho anka mu. Na wogyee sika no kɔyɛe sɛnea wɔka kyerɛɛ wɔn no. Na asɛm yi atrɛw Yudafo mu de abedu nnɛ.
Explore Mateo 28:12-15
Home
Bible
Plans
Videos