1
Mateo 22:37-39
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na osee no sɛ: Dɔ Awurade wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu! Eyi ne mmara no mu kɛse ne nea edi kan. Na nea ɛto so abien te sɛ ɛno: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!
Compare
Explore Mateo 22:37-39
2
Mateo 22:40
Mmara nsɛm abien yi so na mmara ne adiyifo nyinaa gyina.
Explore Mateo 22:40
3
Mateo 22:14
Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no dɔɔso, nanso wɔn a wɔapaw wɔn no de, wɔyɛ kakraa bi.
Explore Mateo 22:14
4
Mateo 22:30
Na owusɔre mu no, wɔnnware na wɔmma aware, na wɔte sɛ abɔfo wɔ ɔsoro.
Explore Mateo 22:30
5
Mateo 22:19-21
Momfa ɔtow sika no bi mmɛkyerɛ me! Na wɔde denare brɛɛ no. Na obisaa wɔn sɛ: Hena mfonini ne nkyerɛwee ni? Wose: Kaesare dea. Ɛnna osee wɔn sɛ: Ɛnne momfa Kaesare de mma Kaesare ne Nyankopɔn de mma Onyankopɔn!
Explore Mateo 22:19-21
Home
Bible
Plans
Videos