1
Mateo 18:20
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na nea baanu anaa baasa ahyiam me din mu no, ɛhɔ na mewɔ wɔ wɔn mfinimfini.
Compare
Explore Mateo 18:20
2
Mateo 18:19
Bio, nokware mise mo sɛ, mo mu baanu yɛ anokoro asase so asɛm biara a mubebisa ho a, m’agya a ɔwɔ soro bɛyɛ ama mo.
Explore Mateo 18:19
3
Mateo 18:2-3
Na Yesu frɛɛ abofra bi de no begyinaa wɔn mfinimfini, na ɔkaa sɛ: Nokware mise mo sɛ, moannan na moanyɛ sɛ mmofra a, morentumi nhyɛn ɔsoro ahenni no mu.
Explore Mateo 18:2-3
4
Mateo 18:4
Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abofra yi no, ɔno ara ne ɔkɛse koraa ɔsoro ahenni no mu.
Explore Mateo 18:4
5
Mateo 18:5
Na obiara a obegye abofra a ɔte sɛɛ biako me din mu no, wagye me
Explore Mateo 18:5
6
Mateo 18:18
Nokware mise mo sɛ, biribiara a mobɛkyekyere asase so no, na wɔakyekyere ɔsoro; na biribiara a mobɛsan asase so no, na wɔasan ɔsoro.
Explore Mateo 18:18
7
Mateo 18:35
Saa ara na sɛ mo mu biara amfi ne komam amfa ne nua mfomso ankyɛ no a, me soro agya nso bɛyɛ no nen.
Explore Mateo 18:35
8
Mateo 18:6
na obiara a ɔbɛto nkumaa a wogye me di yi mu biako hintidua no, eye ma no sɛ wɔde owiyammo sɛn ne kɔn mu, na wɔkɔdɔ no asukɔ wɔ ɛpo bun mu.
Explore Mateo 18:6
9
Mateo 18:12
Mudwen ho dɛn? Sɛ onipa bi wɔ nguanten ɔha, na wɔn mu biako fom kwan a, ɔrennyaw aduakron akron no mmepɔw so, na ɔnkɔhwehwɛ nea wafom kwan no anaa?
Explore Mateo 18:12
Home
Bible
Plans
Videos