1
Lewitikɔs 26:12
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na mɛnantew mo mu, na mayɛ mo Onyankopɔn, na mo nso moayɛ me ɔman.
Compare
Explore Lewitikɔs 26:12
2
Lewitikɔs 26:4
ɛnne mɛma osu atotɔ ama mo ne bere mu, na asase no ama ne nnɔbae, na mfuw mu nnua asow aba
Explore Lewitikɔs 26:4
3
Lewitikɔs 26:3
Sɛ mofa m'ahyɛde so na mohwɛ me mmara nsɛm na moyɛ a
Explore Lewitikɔs 26:3
4
Lewitikɔs 26:6
Na mɛma ɔmannwoe aba asase no so, na moada na obiara anyi mo hu; na mɛsɛe mmoa bɔne afi asase no so, na nkrante remfa mo asase so.
Explore Lewitikɔs 26:6
5
Lewitikɔs 26:9
Na mɛdan m'anim mama mo, na mɛma moawo na moadɔ, na mɛma me ne mo apam no agyina.
Explore Lewitikɔs 26:9
6
Lewitikɔs 26:13
Mene AWURADE mo Nyankopɔn a miyii mo fii Misraim asase so sɛ monnyɛ nkoa bio, na mibubuu mo kɔndua na mema monantewee tee no.
Explore Lewitikɔs 26:13
7
Lewitikɔs 26:11
Na mede me tenabea mesi mo mu, na mo ho renyɛ me kra nwini.
Explore Lewitikɔs 26:11
8
Lewitikɔs 26:1
Monnyɛ abosonhuhuw mmfa, na mommfa ahoni anaa ɔbosom dum bi nnsi hɔ mmfa, na mommfa ɔbo a wɔadi ho adwinni nnsi mo asase so nnkotow nnsɔre wɔ ho, na mene AWURADE mo Nyankopɔn.
Explore Lewitikɔs 26:1
9
Lewitikɔs 26:10
Na mubedi aburow ne awi a akyɛ no, na foforo no nti moayi dedaw no agu.
Explore Lewitikɔs 26:10
10
Lewitikɔs 26:8
na mo mu baanum bɛka nnipa ɔha agu, na mo mu ha bɛka ɔpedu agu, na mo atamfo atotɔ mo anim wɔ nkrante ano.
Explore Lewitikɔs 26:8
11
Lewitikɔs 26:5
na aduan porow bɛkɔ so akodu bobe aba tetew mu, na bobe aba tetew no akɔ so akodu odua bere, na mubedi mo aduan amee, na moatena mo asase so dwoodwoo.
Explore Lewitikɔs 26:5
12
Lewitikɔs 26:7
Na mobɛka mo atamfo agu, na wɔatotɔ mo anim wɔ nkrante ano
Explore Lewitikɔs 26:7
13
Lewitikɔs 26:2
Munni me home nna, na munsuro me kronkronbea: Mene AWURADE.
Explore Lewitikɔs 26:2