1
Lewitikɔs 19:18
KYERƐW KRONKRON
RATB
Nni were na nnya wo nkurɔfo mma ho menasepɔw, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho: Mene AWURADE.
Compare
Explore Lewitikɔs 19:18
2
Lewitikɔs 19:28
Monnsesa mo ho nkamaa mmma awufo, na munnkurukyerɛw mo ho nkyerɛwee bi: Mene AWURADE.
Explore Lewitikɔs 19:28
3
Lewitikɔs 19:2
Kasa kyerɛ Israelfo asafo no nyinaa na ka kyerɛ wɔn sɛ: Monyɛ kronkron, efisɛ me, AWURADE mo Nyankopɔn, meyɛ kronkron.
Explore Lewitikɔs 19:2
4
Lewitikɔs 19:17
Ntan wo nua wo koma mu; ɔka na ka wo yɔnko anim, na woansoa ne ho bɔne.
Explore Lewitikɔs 19:17
5
Lewitikɔs 19:31
Monnnan mo ho nnkɔ ɔdebisafo nkyɛn, na monnhwehwɛ asumanfo akyi kwan mmfa nngu mo ho fi wɔ wɔn ho: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.
Explore Lewitikɔs 19:31
6
Lewitikɔs 19:16
Nkyin wo nkurɔfo mu nni nseku; nsɔre nhyɛ wo yɔnko mogya: Mene AWURADE.
Explore Lewitikɔs 19:16