1
Yakobo 1:2-3
KYERƐW KRONKRON
RATB
Me nuanom, sɛ mohwe sɔhwɛ ahorow bebree mu a, mummu no anigye koraa, na munhu sɛ mo gyidi sɔhwɛ a anya awiei pa yɛ boasetɔ.
Compare
Explore Yakobo 1:2-3
2
Yakobo 1:5
Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ommisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa ade kwa na ahohora nnim no, na ɔde bɛma no.
Explore Yakobo 1:5
3
Yakobo 1:19
Me nuanom adɔfo, munim eyi. Ma nnipa nyinaa nyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa, na wɔnyɛ nyaa mfa abufuw
Explore Yakobo 1:19
4
Yakobo 1:4
Na momma boasetɔ no nwie n’adwumayɛ pɛ, na moayɛ pɛ ne mu, na anka mo biribi.
Explore Yakobo 1:4
5
Yakobo 1:22
Na monyɛ asɛm no yɛfo, na monnyɛ atiefo nko nnsisi mo ho.
Explore Yakobo 1:22
6
Yakobo 1:12
Nhyira ne onipa a ɔtɔ ne bo ase sɔhwɛ mu. Na sɛ onya yɛ emu tɔtorɔtɔɔ a, obenya nkwa abotiri a Awurade de ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no.
Explore Yakobo 1:12
7
Yakobo 1:17
Akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa fi soro, efi hann agya no nkyɛn na ɛba. Ɔno na nsakrae ne adannan sunsuma nni ne mu.
Explore Yakobo 1:17
8
Yakobo 1:23-24
Na sɛ obi yɛ asɛm no tiefo na ɔnyɛ ɔyɛfo a, ɔte sɛ onipa a ɔhwɛ n’anim suban ahwehwɛ mu; na ɔhwɛ ne ho na ɔkɔ, na ntɛm ara na ne werɛ afi su ko a okurae.
Explore Yakobo 1:23-24
9
Yakobo 1:27
Onyamesom a ɛho tew na ɛho nni fi agya Onyankopɔn anim ne sɛ obi kɔhwɛ nyisaa ne akunafo wɔn ahohia mu, na oyi ne ho fi wiase nkekae mu.
Explore Yakobo 1:27
10
Yakobo 1:13-14
Sɛ wɔsɔ obi hwɛ a, mma ɔnnka se: Onyankopɔn na ɔsɔ me hwɛ; efisɛ bɔne bi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ. Na wɔsɔ obiara hwɛ a, na ɛyɛ n’ankasa akɔnnɔ a egyigye na ɛdaadaa no na ɛsɔ no hwɛ
Explore Yakobo 1:13-14
11
Yakobo 1:9
Na ma onua a wabrɛ ase nhoahoa ne ho, ne so a wɔrema no mu
Explore Yakobo 1:9
Home
Bible
Plans
Videos