1
Hebrifo 2:18
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na ɛnam sɛ n’ankasa huu ɔsɔ a wɔsɔɔ no hwɛe mu amane nti, otumi boa wɔn a wɔsɔ wɔn hwɛ no.
Compare
Explore Hebrifo 2:18
2
Hebrifo 2:14
Enti sɛ mma no anya ɔhonam ne mogya koro no bi no, saa ara na ɔno nso faa mu bi, sɛ ɔnam owu so betu nea ɔwɔ owu tumi a ɔne ɔbonsam no
Explore Hebrifo 2:14
3
Hebrifo 2:1
Eyi nti ɛsɛ sɛ yeso nneɛma a yɛate no mu den ma no boro so, na yɛamfi ho da bi.
Explore Hebrifo 2:1
4
Hebrifo 2:17
Enti ehiaa no sɛ ɔsɛ ne nuanom nneɛma nyinaa mu, na wayɛ mmɔborohunu ne nokware sɔfo panyin, Onyankopɔn fam nneɛma no mu, na wayɛ ɔman no bɔne ho mpata.
Explore Hebrifo 2:17
5
Hebrifo 2:9
Na mmom, yehu Yesu, nea bere tiawa bi mu, wɔbrɛɛ no ase sen abɔfo no, sɛnea ɔbɛfa Onyankopɔn adom so bɛka owu ahwɛ ama nnipa nyinaa. Seisei esiane owu amanehunu nti, wɔde anuonyam ne nidi abɔ no abotiri.
Explore Hebrifo 2:9
Home
Bible
Plans
Videos