na kyerɛkyerɛ wɔn ahyɛde ne mmara horow no mu, na ma wonhu ɔkwan ko a wɔmfa so ne nea wɔnyɛ. Na wo nso yiyi ɔman no nyinaa mu mmarima a wɔyɛ den, wosuro Onyankopɔn, wɔyɛ anokwafo na wɔnyɛ sikanibere, na fa wɔn sisi wɔn so, apem apem so mpanyin, ɔha ɔha so mpanyin, aduonum aduonum so mpanyin ne du du so mpanyin.