1
Eksodɔs 13:21-22
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na AWURADE dii wɔn anim, awia, omununkum dum mu, sɛ ɔrekyerɛ wɔn kwan, na anadwo, ogya dum mu, sɛ ɔrema wɔn hann, na wɔanantew awia ne anadwo. Na omununkum dum no antwe ne ho awia, na ogya dum no antwe ne ho anadwo amfi ɔman no anim.
Compare
Explore Eksodɔs 13:21-22
2
Eksodɔs 13:17
Na Farao maa ɔman no kwan no, Onyankopɔn amfa wɔn ankɔfa Filistifo asase so kwan a ɛnware no, efisɛ Onyankopɔn se: Na ɔman no ankohyia ɔsa annu wɔn ho, na wɔansan ankɔ Misraim.
Explore Eksodɔs 13:17
3
Eksodɔs 13:18
Enti Onyankopɔn de ɔman no kɔntɔn faa sare so kwan a ɛda mmɛw po ho no so. Na Israelfo no kɔɔ amia mu fii Misraim asase so kɔe.
Explore Eksodɔs 13:18