1
2 Timoteo 4:7
KYERƐW KRONKRON
RATB
Ɔko pa no, mako; mmirika no, mawie tu; gyidi no, maso mu masie.
Compare
Explore 2 Timoteo 4:7
2
2 Timoteo 4:2
Pae mu ka asɛm no, gyina mu ɛbere a eye ne nea enye mu, yi ntɛn, ka anim, tu fo, abodwokyɛre ne nkyerɛkyerɛ nyinaa mu.
Explore 2 Timoteo 4:2
3
2 Timoteo 4:3-4
Na bere bi bɛba a wɔrentie nkyerɛkyerɛ pa a eye no, na sɛ wɔn asom yɛ wɔn hene nti, wɔbɛsoa akyerɛkyerɛfo aboa wɔn ho so, sɛnea wɔn ankasa akɔnnɔ te. Na wobeyi wɔn aso afi nokware ho, na wɔadan akotie anansesɛm.
Explore 2 Timoteo 4:3-4
4
2 Timoteo 4:5
Na wo de, ma w’ani nna hɔ ade nyinaa mu, mia w’ani hu amane, yɛ ɔsɛmpakafo adwuma, wie wo som no koraa.
Explore 2 Timoteo 4:5
5
2 Timoteo 4:8
Nea aka a ɛda me hɔ ne trenee abotiri a Awurade, ɔtemmufo trenee no, de bɛma me ɛda no, na ɛnyɛ me nko, na mmom wɔn a wɔdɔ n’ahoyi no nyinaa nso bi.
Explore 2 Timoteo 4:8
Home
Bible
Plans
Videos