Na sɛ mepɛ sɛ mehoahoa me ho po a, anka merenyɛ ɔkwasea, na mɛka nokware; nanso mema ɛka, na obi ammu me ankyɛn nea ohu me sɛ meyɛ, anaasɛ ɔte fi m’anom. Na nea ɛbɛyɛ na meremfa adiyi no ntraso memma me ho so bebrebe nti, wɔama me ɔhonam mu nsɔe, Satan bɔfo, sɛ ɔmmɛbɔ me akuturuku, na mamma me ho so.