1
2 Korintofo 1:3-4
KYERƐW KRONKRON
RATB
Ayeyi nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne n’Agya a ɔyɛ mmɔborohunu Agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn a ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu, na yɛatumi afa awerɛkyekye a Onyankopɔn de kyekye yɛn werɛ no so akyekye wɔn a wɔwɔ ahohia biara mu werɛ.
Compare
Explore 2 Korintofo 1:3-4
2
2 Korintofo 1:5
Na sɛnea Kristo amanehunu ɛso pa ara ba yɛn so no, saa ara nso na yɛn awerɛkyekye nam Kristo so boro so.
Explore 2 Korintofo 1:5
3
2 Korintofo 1:9
Na yɛn ankasa huu no yɛn mu sɛ yebewu, enti yɛamfa yɛn ho anto yɛn ho so, na mmom yɛde yɛn ho too Nyankopɔn a onyan awufo no so.
Explore 2 Korintofo 1:9
4
2 Korintofo 1:21-22
Na nea ɔde yɛne mo tim Kristo mu na wasra yɛn no ne Nyankopɔn; ɔno nso na wasɔ yɛn ano, na wama yɛn Honhom no de ayɛ guaha ama yɛn wɔ yɛn koma mu.
Explore 2 Korintofo 1:21-22
5
2 Korintofo 1:6
Na sɛ woteetee yɛn a, ɛyɛ awerɛkyekye ne nkwagye ma mo, na sɛ wɔkyekye yɛn werɛ a, ɛyɛ awerɛkyekye ma mo; ɛno na edi dwuma boasetɔ mu, amane a yɛn nso yehu no ara mu.
Explore 2 Korintofo 1:6
Home
Bible
Plans
Videos