1
1 Petro 1:3-4
KYERƐW KRONKRON
RATB
Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne Agya a ne mmɔborohunu a ɛdɔɔso nti ɔnam Yesu Kristo sɔre a ofi awufo mu sɔree no so awo yɛn foforo akɔ anidaso a emu wɔ nkwa mu, ɛne apɛgyade a ɛmporɔw, na ɛho nni dɛm, na ɛmpo mu a wɔde asie ɔsoro ama mo
Compare
Explore 1 Petro 1:3-4
2
1 Petro 1:6-7
Ɛno mu na mo ho san mo, mo a nnansa yi, sɛ ɛsɛ a, wɔhow mo werɛ kakra, sɔhwɛ ahorow bebree mu, na wɔahu mo gyidi tɔtorɔtɔɔ sɛ ne bo yɛ den pii sen sika a wɔsɔ hwɛ ogya mu, nanso ɛsɛe ama ayeyi ne nidi ne anuonyam, Yesu Kristo ahoyi mu.
Explore 1 Petro 1:6-7
3
1 Petro 1:15-16
na mmom te sɛ nea ɔfrɛɛ mo no yɛ kronkron no, mo nso monyɛ kronkron abrabɔ nyinaa mu, na wɔakyerɛw sɛ: Monyɛ kronkron, efisɛ me, meyɛ kronkron.
Explore 1 Petro 1:15-16
4
1 Petro 1:14
Monyɛ sɛ asoɔmmerɛw mma, na monnyɛ mo ho sɛnea kan a munnim biribiara no mo akɔnnɔ te no
Explore 1 Petro 1:14
5
1 Petro 1:13
Enti mommɔ mo adwene mu abɔso, mo ani nna hɔ, na momma mo ani nna adom a wɔde rebrɛ mo Yesu Kristo ahoyi mu no so koraa.
Explore 1 Petro 1:13
6
1 Petro 1:24-25
Efisɛ ɔhonam nyinaa te sɛ wura, na onipa anuonyam nyinaa te sɛ wura mu nhwiren. Wura hyew, na ne nhwiren po; na Awurade asɛm de, ɛte hɔ daa. Na eyi ne asɛmpa a wɔaka akyerɛ mo no.
Explore 1 Petro 1:24-25
Home
Bible
Plans
Videos