1
1 Korintofo 6:19-20
KYERƐW KRONKRON
RATB
Anaasɛ munnim sɛ mo nipadua yɛ Honhom Kronkron a ɔwɔ mo mu, a munya fii Onyankopɔn hɔ no asɔredan, na monne mo ho? Na wɔtɔɔ mo aboɔden; enti monhyɛ Onyankopɔn anuonyam mo nipadua mu.
Compare
Explore 1 Korintofo 6:19-20
2
1 Korintofo 6:9-10
Anaasɛ munnim sɛ wɔn a wɔnteɛ no rennya Onyankopɔn ahenni no? Mommma wɔnnnaadaa mo: Aguamammɔfo, abosonsomfo, awaresɛefo, mmarima ahohwifo ne mmarima a wɔne wɔn ho da awifo, aniberefo, asabofo, ntɔkwapɛfo ne amimfo rennya Onyankopɔn ahenni no.
Explore 1 Korintofo 6:9-10
3
1 Korintofo 6:18
Munguan aguamammɔ! Bɔne biara a onipa yɛ no nni nipadua mu, na nea ɔbɔ aguaman no de, ɔyɛ n’ankasa nipadua bɔne.
Explore 1 Korintofo 6:18
4
1 Korintofo 6:12
Mewɔ nneɛma nyinaa ho kwan, nanso ɛnyɛ ne nyinaa na eye; mewɔ ade nyinaa ho kwan, nanso memma biribi nhyɛ me so.
Explore 1 Korintofo 6:12
5
1 Korintofo 6:14
Na Onyankopɔn anyan Awurade, na ɔnam ne tumi so benyan yɛn bi.
Explore 1 Korintofo 6:14
Home
Bible
Plans
Videos