1
1 Korintofo 15:58
KYERƐW KRONKRON
RATB
Enti, me nuanom adɔfo, muntintim, munnhinhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa, efisɛ munim sɛ mo brɛ nyɛ ɔkwa, Awurade mu.
Compare
Explore 1 Korintofo 15:58
2
1 Korintofo 15:57
Aseda nka Onyankopɔn a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so de nkunim ama yɛn.
Explore 1 Korintofo 15:57
3
1 Korintofo 15:33
Mommma wɔnnnaadaa mo! Nkɔmmɔ bɔne sɛe ɔbra pa.
Explore 1 Korintofo 15:33
4
1 Korintofo 15:10
na Onyankopɔn adom nti na mete sɛnea mete yi, na n'adom a ɔde dom me no anyɛ ɔkwa, na mmom meyɛ adwuma bebree mesen wɔn nyinaa, nanso ɛnyɛ me, na mmom ɛyɛ Onyankopɔn adom a ɛka me ho no nti.
Explore 1 Korintofo 15:10
5
1 Korintofo 15:55-56
O owu, wo nkunim wɔ he? Owu, wo nwowɔee wɔ he? Owu, nwowɔee ne bɔne; na bɔne tumi ne mmara.
Explore 1 Korintofo 15:55-56
6
1 Korintofo 15:51-52
Hwɛ, meka mo ahintasɛm: Yɛn nyinaa renna, na yɛn nyinaa bɛsakra ntɛm so, mpofirim, torobɛnto a edi akyiri no hyɛn mu; na wɔbɛhyɛn torobɛnto na awufo no anyan sɛ wɔn a wɔmporɔwee da, na yɛn de, yɛbɛsakra.
Explore 1 Korintofo 15:51-52
7
1 Korintofo 15:21-22
Na sɛnea ɛnam onipa so na owu bae no, sɛ nso awufo sɔre nam onipa so bae ne no. Na sɛnea wɔn nyinaa wu Adam mu no, sɛ nso wɔn nyinaa benya nkwa Kristo mu ne no.
Explore 1 Korintofo 15:21-22
8
1 Korintofo 15:53
Na etwa sɛ nea ɛporɔw yi hyɛ nea ɛmporɔw no, na nea ewu yi hyɛ nea enwu no.
Explore 1 Korintofo 15:53
9
1 Korintofo 15:25-26
Na etwa sɛ odi hene kosi sɛ ɔde atamfo no nyinaa bɛhyɛ ne nan ase. Ɔtamfo a odi akyiri a obetu no agu no ne owu.
Explore 1 Korintofo 15:25-26
Home
Bible
Plans
Videos