1
Romafoɔ 9:16
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Yei kyerɛ sɛ, ɛnnyina deɛ obi pɛ so anaa ne nnwuma so, na mmom ɛgyina Onyankopɔn ahummɔborɔ so.
Compare
Explore Romafoɔ 9:16
2
Romafoɔ 9:15
Ɛfiri sɛ, ɔka kyerɛɛ Mose sɛ, “Deɛ mepɛ sɛ mehunu no mmɔbɔ no, mɛhunu no mmɔbɔ, na deɛ mepɛ sɛ meyɛ no adɔeɛ nso, mɛyɛ no adɔeɛ.”
Explore Romafoɔ 9:15
3
Romafoɔ 9:20
Onua, wone hwan a wobɛtumi akasa akyerɛ Onyankopɔn? Kukuo mmisa ne nwomfoɔ sɛ, “Adɛn enti na wonwonoo me sei?”
Explore Romafoɔ 9:20
4
Romafoɔ 9:18
Ɛnneɛ Onyankopɔn hunu deɛ ɔpɛ sɛ ɔhunu no mmɔbɔ biara no mmɔbɔ, na deɛ ɔpɛ sɛ ɔma no yɛ asoɔden nso ɔma no yɛ saa.
Explore Romafoɔ 9:18
5
Romafoɔ 9:21
Ɔnwomfoɔ no wɔ ho ɛkwan sɛ ɔde dɔteɛ no nwono deɛ ɔpɛ biara. Ɔtumi nwono nkukuo mmienu firi dɔteɛ mu, na ɔde mu baako adi dwuma titire bi, na ɔde baako no nso ayɛ deɛ ɔpɛ biara.
Explore Romafoɔ 9:21
Home
Bible
Plans
Videos