Momma yɛnyi Onyankopɔn ayɛ! Ɔno na ɔtumi ma mo gyina pintinn wɔ mo gyidie mu sɛdeɛ mekaa wɔ Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo ho kyerɛɛ mo no. Sɛdeɛ medaa nokorɛ ahintasɛm a ɛfiri teteete no adi kyerɛɛ mo no, wɔnam adiyifoɔ atwerɛsɛm a ɛfiri Onyankopɔn Teasefoɔ no nkyɛn ada ahintasɛm yi adi ama wɔahunu sɛdeɛ aman nyinaa bɛgye adi na wɔayɛ ɔsetie ama no. Ɔno, Onyankopɔn nyansaboakwa na animuonyam nka no wɔ Yesu Kristo mu daa daa! Amen.