1
Romafoɔ 14:17-18
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn Ahennie no nyɛ adidie ne ɔnom na mmom, ɛyɛ tenenee, asomdwoeɛ ne ahosɛpɛ a ɛwɔ Honhom Kronkron mu. Obiara a ɔsom Kristo saa ɛkwan yi so no, Onyankopɔn agye no ato mu, na nnipa bu no.
Compare
Explore Romafoɔ 14:17-18
2
Romafoɔ 14:8
sɛ yɛte ase a yɛte ase ma Awurade; na sɛ yɛwu a, yɛwu ma Awurade. Enti, sɛ yɛte ase o, yɛwu o, yɛyɛ Awurade deɛ.
Explore Romafoɔ 14:8
3
Romafoɔ 14:19
Ɛno enti, ɛsɛ sɛ yɛtumi tena asomdwoeɛ mu, na yɛboaboa yɛn ho yɛn ho ma obiara nya gyidie a emu yɛ den.
Explore Romafoɔ 14:19
4
Romafoɔ 14:13
Ɛno enti, momma yɛnnyae yɛn ho yɛn ho atemmuo. Mmom, deɛ ɛsɛ sɛ modwene ne sɛ, monnyɛ biribiara a ɛbɛma mo nua akɔ bɔne mu.
Explore Romafoɔ 14:13
5
Romafoɔ 14:11-12
Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “ ‘Awurade ka sɛ, mete ase yi, obiara bɛbu nkotodwe wɔ mʼanim; na obiara bɛpae mu aka sɛ, mene Onyankopɔn.’ ” Yɛn mu biara bɛbu ne ho akonta akyerɛ Onyankopɔn.
Explore Romafoɔ 14:11-12
6
Romafoɔ 14:1
Sɛ obi gyidie sua wɔ mo mu a, monnye no; mo ne no nnnye deɛ nʼadwene kyerɛ no no ho akyinnyeɛ.
Explore Romafoɔ 14:1
7
Romafoɔ 14:4
Wo ne hwan a wobu obi ɔsomfoɔ atɛn? Ɛyɛ ɔno ankasa ne wura na ɔbɛka sɛ wadi nkonim anaasɛ wadi nkoguo. Na ɔbɛdi nkonim, ɛfiri sɛ, Awurade bɛtumi ama wadi nkonim.
Explore Romafoɔ 14:4
Home
Bible
Plans
Videos