1
Romafoɔ 12:2
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Monnyɛ mo ho sɛ ewiasefoɔ wɔ mo abrabɔ mu, na mmom, momma Onyankopɔn nsakra mo adwene wɔ mo mu, na moanya adwene foforɔ, na ɛnam so ama moahunu Onyankopɔn apɛdeɛ, deɛ ɛyɛ, deɛ ɛsɔ nʼani ne deɛ ɛwie pɛyɛ.
Compare
Explore Romafoɔ 12:2
2
Romafoɔ 12:1
Ɛno enti, anuanom, ɛsiane Onyankopɔn ahummɔborɔ enti, mehyɛ mo sɛ momfa mo onipadua mmɔ afɔdeɛ a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Yei ne nokwasɛm a ɛsɛ sɛ mosɔ mu.
Explore Romafoɔ 12:1
3
Romafoɔ 12:12
Monnya anidasoɔ mu anigyeɛ, amanehunu mu boasetɔ, na momfa gyidie mmɔ mpaeɛ.
Explore Romafoɔ 12:12
4
Romafoɔ 12:21
Mommma bɔne nni mo so. Mmom, momfa papa nni bɔne so.
Explore Romafoɔ 12:21
5
Romafoɔ 12:10
Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho. Monni afoforɔ ni nsen mo ho.
Explore Romafoɔ 12:10
6
Romafoɔ 12:9
Ɛsɛ sɛ ɔdɔ yɛ nokorɛ turodoo. Monkyiri amumuyɛ. Mommata deɛ ɛyɛ ho.
Explore Romafoɔ 12:9
7
Romafoɔ 12:18
Sɛ ɛbɛtumi a, mo fam deɛ, mo ne obiara ntena asomdwoeɛ mu.
Explore Romafoɔ 12:18
8
Romafoɔ 12:19
Monntɔ wereɛ me nnamfonom, na mmom momma Onyankopɔn abufuo ho ɛkwan ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ sɛ, “Me na aweretɔ wɔ me, mɛtua ka,” Awurade na ɔseɛ.
Explore Romafoɔ 12:19
9
Romafoɔ 12:11
Monkɔ so nyɛ nsi, monyɛ hye wɔ honhom mu, na momfa ahosɛpɛ nsom Awurade.
Explore Romafoɔ 12:11
10
Romafoɔ 12:3
Na ɛsiane Onyankopɔn adom a ɔde ama me no enti, meka mekyerɛ mo nyinaa sɛ, monnnwene mo ho mma ɛmmoro sɛdeɛ ɛsɛ sɛ modwene, na mmom, monnwene mo ho ahobrɛaseɛ mu, na mo mu biara nnyina gyidie a Onyankopɔn de ama mo no so.
Explore Romafoɔ 12:3
11
Romafoɔ 12:17
Mommfa bɔne ntua bɔne biara so ka. Monyɛ deɛ ɛbɛma nnipa de anidie ama mo.
Explore Romafoɔ 12:17
12
Romafoɔ 12:16
Mo ne afoforɔ ntena asomdwoeɛ mu. Monnyɛ ahantan, na mmom momfa mo ho mmɔ mmɔborɔfoɔ. Mommmu mo ho anyansafoɔ.
Explore Romafoɔ 12:16
13
Romafoɔ 12:20
Enti, “Sɛ ɛkɔm de wo ɔtamfoɔ a, ma no aduane nni; sɛ osukɔm de no a, ma no nsuo nnom. Na sɛ woyɛ saa a, woboaboa gyasramma ano gu nʼatifi.”
Explore Romafoɔ 12:20
14
Romafoɔ 12:14-15
Monhyira wɔn a wɔtaa mo no; Monhyira wɔn na monnnome wɔn. Mo ne anigyefoɔ ani nnye, na mo ne asufoɔ nsu.
Explore Romafoɔ 12:14-15
15
Romafoɔ 12:13
Mone Onyankopɔn nkurɔfoɔ a ahia wɔn no nkyɛ deɛ mo wɔ. Mommɔ ahɔhosom ho mmɔden.
Explore Romafoɔ 12:13
16
Romafoɔ 12:4-5
Sɛdeɛ yɛn mu biara wɔ onipadua a ɛho akwaa yɛ bebree no, na saa akwaa yi mu biara wɔ dwuma a ɛdi no, saa ara na Kristo mu no yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ onipadua baako, na akwaa biara yɛ akwaa no nyinaa dea.
Explore Romafoɔ 12:4-5
Home
Bible
Plans
Videos