Mekɔɔ ɔbɔfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa nwoma ketewa no mma me. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Gye na kɔwe. Ɛbɛkeka wɔ wo yam, nanso wʼanomu deɛ, ɛbɛyɛ dɛ te sɛ ɛwoɔ.” Megyee nwoma ketewa no firii ne nsam weeɛ, na ɛyɛɛ dɛ te sɛ ɛwoɔ wɔ mʼanom. Nanso, memeneeɛ no akyi, ɛmaa me yam kaa me.