1
Adiyisɛm 1:8
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ no se, “Mene Alfa ne Omega a ɔwɔ hɔ seesei na ɔwɔ hɔ dada na ɔrebɛba no.”
Compare
Explore Adiyisɛm 1:8
2
Adiyisɛm 1:18
Mene ɔteasefoɔ no! Mewuiɛ, nanso seesei mete ase daa daa. Mekura owuo ne asaman safoa.
Explore Adiyisɛm 1:18
3
Adiyisɛm 1:3
Nhyira nka obiara a ɔbɛkan saa nwoma yi, na nhyira nka wɔn nso a wɔtie adiyisɛm no na wɔdi so sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ saa nwoma yi mu no. Ɛberɛ no abɛn.
Explore Adiyisɛm 1:3
4
Adiyisɛm 1:17
Mehunuu no no, mekɔhwee ne nan ase te sɛ owufoɔ. Ɔde ne nsa nifa too me so kaa sɛ, “Nsuro! Mene Ɔkannifoɔ ne Okyikafoɔ.
Explore Adiyisɛm 1:17
5
Adiyisɛm 1:7
Ɔnam omununkum mu reba. Wɔn a wɔwɔɔ no pea no ne obiara bɛhunu no. Asase so nnipa nyinaa bɛsu no. Ɛbɛba mu saa. Amen.
Explore Adiyisɛm 1:7