1
Nnwom 95:6-7
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Mommra mma yɛnkoto nsom no. Momma yɛmmu nkotodwe wɔ AWURADE yɛn Yɛfoɔ no anim! Ɔyɛ yɛn Onyankopɔn; yɛyɛ nʼadidibea nnipa, ne nnwankuo a ɔhwɛ wɔn so. Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a
Compare
Explore Nnwom 95:6-7
2
Nnwom 95:1-2
Mommra mma yɛnto dwom wɔ anigyeɛ so mma AWURADE; momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagyeɛ Botan no. Momma yɛmfa aseda mmra nʼanim, na yɛmfa ahosɛpɛ nnwom mma no so.
Explore Nnwom 95:1-2
3
Nnwom 95:3
Ɛfiri sɛ, AWURADE yɛ Onyankopɔn kɛseɛ, ɔhenkɛseɛ wɔ anyame nyinaa so.
Explore Nnwom 95:3
4
Nnwom 95:4
Ne nsam na asase mu nneɛma nyinaa wɔ, na mmepɔ mpampam wɔ no.
Explore Nnwom 95:4