1
Nnwom 91:2
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Mɛse AWURADE sɛ, “Woyɛ me dwanekɔbea ne mʼabankɛseɛ, me Onyankopɔn a mewɔ wo mu ahotosoɔ.”
Compare
Explore Nnwom 91:2
2
Nnwom 91:1
Deɛ ɔte Ɔsorosoroni no hintabea bɛhome wɔ Otumfoɔ no nwunu mu.
Explore Nnwom 91:1
3
Nnwom 91:15
Ɔbɛfrɛ me, na mɛgye ne so; mɛka ne ho wɔ amanehunu mu, mɛgye no, na mahyɛ no animuonyam.
Explore Nnwom 91:15
4
Nnwom 91:11
Ɛfiri sɛ ɔbɛhyɛ nʼabɔfoɔ a wɔhwɛ wo so no abɛbɔ wo ho ban wʼakwan nyinaa mu
Explore Nnwom 91:11
5
Nnwom 91:4
Ɔde ne ntakra bɛkata wo so; na ne ntaban ase na wobɛnya dwanekɔbea; ne nokorɛ bɛyɛ wo banbɔ ne wo kyɛm.
Explore Nnwom 91:4
6
Nnwom 91:9-10
Sɛ wode Ɔsorosoroni no yɛ wo tenabea, mpo AWURADE a ɔyɛ me dwanekɔbea no a, ɔhaw biara remma wo so, na amanehunu biara remmɛn wo ntomadan.
Explore Nnwom 91:9-10
7
Nnwom 91:3
Ampa ara, ɔbɛgye wo afiri fidisumfoɔ afidie mu ne owuyadeɛ mu.
Explore Nnwom 91:3
8
Nnwom 91:7
Apem bɛtotɔ wo nkyɛn mu, na ɔpedu bɛtotɔ wo nifa, nanso, wo deɛ, ɛrenka wo.
Explore Nnwom 91:7
9
Nnwom 91:5-6
Worensuro anadwo mu ahunahuna, anaa bɛmma a ɛtu awia, anaa owuyadeɛ a ɛba esum mu, anaa ɔyaredɔm a ɛsɛe owigyinaeɛ.
Explore Nnwom 91:5-6