1
Nnwom 84:11
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Ɛfiri sɛ AWURADE Onyankopɔn yɛ owia ne ɛkyɛm; AWURADE hunu mmɔbɔ na ɔhyɛ animuonyam; ɔremfa ade pa biara nkame wɔn a wɔteneɛ.
Compare
Explore Nnwom 84:11
2
Nnwom 84:10
Wʼadihɔ hɔ da korɔ tena yɛ sene nnafua apem wɔ baabi foforɔ; mepɛ sɛ mɛyɛ ɔpono ano hwɛfoɔ wɔ Onyankopɔn fie sene sɛ mɛtena amumuyɛfoɔ ntomadan mu.
Explore Nnwom 84:10
3
Nnwom 84:5
Nhyira nka wɔn a wɔwɔ wo mu ahoɔden, na wɔde wɔn akoma hyɛ akwantuo ase kɔhwehwɛ wo.
Explore Nnwom 84:5
4
Nnwom 84:2
Me kra pere, mpo ɛtɔ piti, sɛ ɔbɛkɔ AWURADE adihɔ; mʼakoma ne me honam team frɛ Onyankopɔn ɔteasefoɔ.
Explore Nnwom 84:2