1
Nnwom 62:8
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Ao me nkurɔfoɔ, momfa mo ho nto ne so daa; monka mo akoma mu nsɛm nyinaa nkyerɛ no, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea.
Compare
Explore Nnwom 62:8
2
Nnwom 62:5
Ao me kra, gye wʼahome wɔ Onyankopɔn nko ara mu; na ne mu na mʼanidasoɔ wɔ.
Explore Nnwom 62:5
3
Nnwom 62:6
Ɔno nko ara ne me botan ne me nkwagyeɛ; ɔyɛ mʼaban, na merenhinhim.
Explore Nnwom 62:6
4
Nnwom 62:1
Me ɔkra wɔ ahomegyeɛ wɔ Onyankopɔn nko ara mu; me nkwagyeɛ firi ne nkyɛn.
Explore Nnwom 62:1
5
Nnwom 62:2
Ɔno nko ara ne me botan ne me nkwagyeɛ; ɔyɛ mʼaban, na merenhinhim da.
Explore Nnwom 62:2
6
Nnwom 62:7
Me nkwagyeɛ ne mʼanimuonyam gyina Onyankopɔn so; ɔyɛ me botan a ɛkorɔn, ne me dwanekɔbea.
Explore Nnwom 62:7