1
Nnwom 55:22
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Fa wo haw to AWURADE so na ɔno na ɔbɛgye wo; ɔremma ɔteneneeni nhwe ase.
Compare
Explore Nnwom 55:22
2
Nnwom 55:17
Anwummerɛ, anɔpa ne awia, mede mmɔborɔnne su frɛ no, na ɔte me nne.
Explore Nnwom 55:17
3
Nnwom 55:23
Nanso, wo, Ao Onyankopɔn, wobɛbrɛ amumuyɛfoɔ ase ama wɔakɔ porɔeɛ amena mu; mogyapɛfoɔ ne adaadaafoɔ renni wɔn nkwanna mu fa. Me deɛ, mede me ho to wo so.
Explore Nnwom 55:23
4
Nnwom 55:16
Nanso, mesu frɛ Onyankopɔn, na AWURADE gye me nkwa.
Explore Nnwom 55:16
5
Nnwom 55:18
Ɔde ne ho bɔ afɔdeɛ ma me nya me tiri didim wɔ ɔko a wɔko tiaa me no mu, mpo bebree na wɔko tia me.
Explore Nnwom 55:18
6
Nnwom 55:1
Ao Onyankopɔn, tie me mpaeɛbɔ, mmu wʼani ngu me nkotosrɛ so
Explore Nnwom 55:1