1
Nnwom 51:10
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Ao Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ wɔ me mu, na ma me honhom foforɔ a ɛdi wo nokorɛ.
Compare
Explore Nnwom 51:10
2
Nnwom 51:12
Fa wo nkwagyeɛ mu anigyeɛ no ma me bio na ma me ɔsetie honhom a ɛbɛkura me.
Explore Nnwom 51:12
3
Nnwom 51:11
Mpamo me mfiri wʼanim na ɛnyi wo Honhom Kronkron mfiri me mu.
Explore Nnwom 51:11
4
Nnwom 51:17
Onyankopɔn afɔdeɛ a ɔpɛ yɛ honhom a abotoɔ. Ao Onyankopɔn, worempo ahonu ne ahobrɛaseɛ akoma.
Explore Nnwom 51:17
5
Nnwom 51:1-2
Ao Onyankopɔn hunu me mmɔbɔ, sɛdeɛ wʼadɔeɛ a ɛnsa da no teɛ; wʼahummɔborɔ kɛseɛ no enti, pepa me mmarato. Hohoro mʼamumuyɛ nyinaa na te me ho firi me bɔne mu!
Explore Nnwom 51:1-2
6
Nnwom 51:7
Fa hisope hohoro me ho, na me ho bɛte; dware me, na mɛhoa asene sukyerɛmma.
Explore Nnwom 51:7
7
Nnwom 51:4
Mayɛ mfomsoɔ atia wo; atia wo nko ara na mayɛ deɛ ɛyɛ bɔne wɔ wʼani so, enti, wodi bem wɔ wo kasa mu na wotene wɔ wʼatemmuo mu.
Explore Nnwom 51:4