1
Nnwom 43:5
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Adɛn enti na woaboto, Ao me kra? Adɛn enti na woteetee wɔ me mu saa? Fa wo ho to Onyankopɔn so, na mɛkɔ so ayi no ayɛ, mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn.
Compare
Explore Nnwom 43:5
2
Nnwom 43:3
Soma wo hann ne wo nokorɛ ma wɔn nkyerɛ me ɛkwan; ma wɔmmfa me mmra wo Bepɔ Kronkron no so, faako a woteɛ hɔ.
Explore Nnwom 43:3
3
Nnwom 43:1
Ao Onyankopɔn, bu me bem, na ka mʼasɛm a ɛtia ɔman a wɔnnsuro wo no ma me; gye me firi nnaadaafoɔ ne amumuyɛfoɔ nsam.
Explore Nnwom 43:1