1
Nnwom 40:1-2
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Mede boasetɔ twɛnee AWURADE; na ɔhwɛɛ me, na ɔtee me sufrɛ. Ɔyii me firii amena a emu yɛ toro mu, firii dɔteɛ ne atɛkyɛ mu; ɔde me nan sii ɔbotan so na ɔmaa me baabi pa gyinaeɛ.
Compare
Explore Nnwom 40:1-2
2
Nnwom 40:3
Ɔde dwom foforɔ hyɛɛ mʼanom, ayɛyi dwom a yɛde ma yɛn Onyankopɔn. Bebree bɛhunu na wɔasuro na wɔde wɔn werɛ ahyɛ AWURADE mu.
Explore Nnwom 40:3
3
Nnwom 40:4
Nhyira ne onipa a ɔde AWURADE yɛ nʼahotɔsoɔ, deɛ ɔmfa nʼani nto ahomasoɔ so, ne wɔn a wɔmane di anyame huhuo akyi.
Explore Nnwom 40:4
4
Nnwom 40:8
Ao me Onyankopɔn, mepɛ sɛ meyɛ wʼapɛdeɛ; mede wo mmara ahyɛ mʼakoma mu.”
Explore Nnwom 40:8
5
Nnwom 40:11
Ao AWURADE, nyi wʼahummɔborɔ mfiri me so; ma wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ mmɔ me ho ban daa.
Explore Nnwom 40:11