1
Nnwom 37:4
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Ma wʼani nka AWURADE ho na woama wo deɛ wʼakoma pɛ.
Compare
Explore Nnwom 37:4
2
Nnwom 37:5
Fa wʼakwan hyɛ AWURADE nsam; na fa wo ho to ne so, na ɔno na ɔbɛyɛ
Explore Nnwom 37:5
3
Nnwom 37:7
Yɛ komm wɔ AWURADE anim na to wo bo ase twɛn no, nha wo ho wɔ wɔn a asi wɔn yie ho ɛfiri sɛ wɔnam bɔne akwan so.
Explore Nnwom 37:7
4
Nnwom 37:3
Fa wo ho to AWURADE so na yɛ papa. Tena asase no so na ma wʼani nka asomdwoeɛ adidibea hɔ.
Explore Nnwom 37:3
5
Nnwom 37:23-24
Sɛ AWURADE ani sɔ onipa akwan a, ɔma nʼanammɔntuo si pi. Sɛ ɔsunti a ɔrenhwe ase, ɛfiri sɛ AWURADE kura no wɔ ne nsam.
Explore Nnwom 37:23-24
6
Nnwom 37:6
ɔbɛma wo teneneeyɛ ahyerɛn sɛ adekyeeɛ, na wʼatɛntenenee ayɛ sɛ owigyinaeɛ.
Explore Nnwom 37:6
7
Nnwom 37:8
Mma wo bo mfu, na gyae abufuhyeɛ; nha wo ho, ɛkɔwie bɔne nko ara.
Explore Nnwom 37:8
8
Nnwom 37:25
Na meyɛ aberanteɛ, na seesei mabɔ akɔkoraa, na menhunuu ɔteneneeni a AWURADE apa nʼakyi anaasɛ ne mma resrɛ aduane.
Explore Nnwom 37:25
9
Nnwom 37:1
Nha wo ho nnebɔneyɛfoɔ nti; mma wʼani mmere wɔn a wɔyɛ bɔne
Explore Nnwom 37:1