1
Nnwom 34:18
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
AWURADE bɛn wɔn a wɔapa aba na ɔgye wɔn a wɔadwerɛ wɔn wɔ honhom mu no nkwa.
Compare
Explore Nnwom 34:18
2
Nnwom 34:4
Mefrɛɛ AWURADE na ɔgyee me so; na ɔyii me firii mʼakomatuo nyinaa mu.
Explore Nnwom 34:4
3
Nnwom 34:19
Onipa tenenee bɛhunu amaneɛ bebree nanso AWURADE gye no firi ne nyinaa mu
Explore Nnwom 34:19
4
Nnwom 34:8
Monka nhwɛ na monhunu sɛ AWURADE yɛ. Nhyira ne onipa a ɔhinta wɔ ne mu.
Explore Nnwom 34:8
5
Nnwom 34:5
Wɔn a wɔhwɛ nʼanim no hyerɛn na wɔn anim rengu ase da.
Explore Nnwom 34:5
6
Nnwom 34:17
Ateneneefoɔ team su, na AWURADE tie wɔn; ɔyi wɔn firi wɔn haw nyinaa mu.
Explore Nnwom 34:17
7
Nnwom 34:7
AWURADE ɔbɔfoɔ wɛn wɔn a wɔsuro no, na ɔgye wɔn.
Explore Nnwom 34:7
8
Nnwom 34:14
Twe wo ho firi bɔne ho, na yɛ papa; hwehwɛ asomdwoeɛ na ti no.
Explore Nnwom 34:14
9
Nnwom 34:13
Ɛnneɛ ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne, na ɛsɛ sɛ ɔgyae atorɔtwa.
Explore Nnwom 34:13
10
Nnwom 34:15
AWURADE ani wɔ ateneneefoɔ so na ɔtie wɔn mpaeɛbɔ
Explore Nnwom 34:15
11
Nnwom 34:3
Mo ne me nkamfo AWURADE; momma yɛmmɔ mu nkamfo ne din!
Explore Nnwom 34:3