1
Nnwom 19:14
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Ma mʼanom nsɛm ne mʼakoma mu mpaeɛbɔ nyɛ deɛ ɛsɔ wʼani, Ao AWURADE me Botan ne me Gyefoɔ.
Compare
Explore Nnwom 19:14
2
Nnwom 19:7
AWURADE mmara yɛ pɛ, ɛkanyane ɔkra no. Ahotosoɔ wɔ AWURADE nhyehyɛeɛ mu, ɛma deɛ ɔnnim nyansa hunu nyansa.
Explore Nnwom 19:7
3
Nnwom 19:1
Ɔsoro ka Onyankopɔn animuonyam ho asɛm! Ewiem pae mu ka ne nsa ano adwuma
Explore Nnwom 19:1
4
Nnwom 19:8
AWURADE ahyɛdeɛ tene; ɛma akoma mu anigyeɛ. AWURADE ɔhyɛ nsɛm mu da hɔ; na ɛbue ani.
Explore Nnwom 19:8
5
Nnwom 19:9
AWURADE suro yɛ kronn, ɛte hɔ daa. AWURADE mmaransɛm yɛ nokorɛ na ne nyinaa tene.
Explore Nnwom 19:9