1
Nnwom 139:14
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Mekamfo wo, ɛfiri sɛ woyɛɛ me anwanwakwan so a ɛyɛ hu. Wo nnwuma yɛ nwanwa. Menim ɛno yie pa ara.
Compare
Explore Nnwom 139:14
2
Nnwom 139:23-24
Hwehwɛ me mu, Ao Onyankopɔn, na hunu mʼakoma; sɔ me hwɛ na hunu mʼadwene. Hwɛ sɛ bɔne bi wɔ me mu a, na fa me fa ɛkwan a ɛkɔ daa nkwa so.
Explore Nnwom 139:23-24
3
Nnwom 139:13
Na wo na wobɔɔ me honhom wonwonoo me wɔ me maame awotwaa mu.
Explore Nnwom 139:13
4
Nnwom 139:16
wʼani hunuu me ɛberɛ a meyɛ mogya toa no. Nna dodoɔ a woatwa ama me no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ wo nwoma mu ansa na emu baako reba mu.
Explore Nnwom 139:16
5
Nnwom 139:1
Ao AWURADE, woahwehwɛ me mu na woahunu me.
Explore Nnwom 139:1
6
Nnwom 139:7
Ɛhe na mɛtumi afiri wo honhom anim akorɔ? Ɛhe na mɛtumi adwane afiri wʼanim akorɔ?
Explore Nnwom 139:7
7
Nnwom 139:2
Wonim mʼasetena ne me sɔreɛ; wofiri akyirikyiri hunu mʼadwene mu.
Explore Nnwom 139:2
8
Nnwom 139:4
Ansa na mɛbue mʼano akasa no Ao AWURADE, na wonim ne nyinaa dada.
Explore Nnwom 139:4
9
Nnwom 139:3
Wonim mʼadifirie ne me nnaeɛ; wonim mʼakwan nyinaa.
Explore Nnwom 139:3